Psalms 138

Aseda mpaebɔ

1 Awurade, mifi me koma nyinaa mu meda wo ase.
Meto wo ayeyi dwom wɔ anyame no anim.
2Mʼani kyerɛ wo fi kronkron no, kotow, kamfo wo din esiane wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no ne wo nokware nti, efisɛ woada no adi sɛ, wo din ne wʼahyɛde yɛ tumi.
3Bere a mefrɛɛ wo no, wubuaa me; wonam wʼahoɔden so hyɛɛ me den.
4Ahene a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkamfo wo,
Awurade efisɛ, wɔate wo bɔhyɛ no.
5Wɔbɛto nea woayɛ ne wʼanuonyam kɛse no ho dwom.
6Ɛwom sɛ wokorɔn de, nanso wohwɛ wɔn a wɔwɔ fam pɛɛ no na ahantanfo rentumi mfa wɔn ho nhintaw wo.
7Sɛ ɔhaw twa me ho hyia a, wugye me.
Woko tia mʼatamfo a wɔn bo afuw no, na wonam wo tumi so gye me.
8Ɛbɔ biara a woahyɛ no, wubedi so;
Awurade, wo dɔ wɔ hɔ daa.
Wie adwuma a wafi ase no.
Copyright information for TwiNAK